Psalms 40

Ayeyi Dwom

1Mede boasetɔ twɛnee Awurade mmoa.
Afei ɔtee me nne ne sufrɛ.
2Oyii me fii amane amoa a ɛyɛ owu amoa mu.
Ɔde me sii ɔbotan so a bɔne bi nka me.
3Ɔkyerɛɛ me dwom foforo to; dwom a wɔde yi yɛn Nyankopɔn ayɛ.
Dodow a wohu eyi no, ɛbɛbɔ wɔn kɔkɔ ma wɔde wɔn ho ato Awurade so.
4Nhyira nka wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so na wɔmfa wɔn ho nto anyame so anaasɛ wɔmfa wɔn ho mmɔ wɔn a wɔsom anyame ho.
5Woayɛ nneɛma bebree ama yɛn,
O Awurade, yɛn Nyankopɔn; obi nte sɛ wo!
Woayɛ nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa bebree ama yɛn.
Merentumi nka ne nyinaa; ɛdɔɔso dodo.
6Wonhwehwɛ afɔrebɔ ne ɔhyew afɔre; wompɛ mmoa a wɔhyew wɔn mu wɔ afɔremuka so.
Saa ara nso na wompɛ afɔre a wɔbɔ de popa bɔne.
Mmom, woama me aso sɛ memfa ntie wo,
7enti mibuae se, “Me ni; nsɛm a wokae se minni so no wɔ Mmara nhoma no mu.
8Mʼani gye sɛ meyɛ wʼapɛde, me Nyankopɔn!
Mede wo nkyerɛkyerɛ sie me koma mu.”
9Wo nkurɔfo nyinaa bɔ gua a,
Awurade, meka asɛmpa no se, wugye yɛn nkwa.
Wunim sɛ merennyae ka da.
10Memfaa nkwagye ho asɛm no nsiei.
Daa meka wo nokware ne boa a woboa ho asɛm.
Wo nkurɔfo bɔ gua a, menka mʼano ntom wɔ wo nokware ne pɛ a daa wopɛ yɛn asɛm no ho.
11 Awurade, minim sɛ worennyae ahummɔbɔ a wuhu me no da.
Wo dɔ ne wo nokware no begye me nkwa daa daa.

Mmoa mpaebɔ

12Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; ɛdɔɔso a merentumi nkan!
Me bɔne adɔɔso, enti afei minhu ade bio.
Ɛdɔɔso sen me tinhwi a ɛwɔ me tiri so; enti mapa abaw.
13Gye me nkwa,
Awurade!
Boa me mprempren!
14Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, ma wonni wɔn so na wɔn adwene nyɛ basabasa.
Ma wɔn a me haw nti wɔn ani agye no, ntew nsan na wɔn anim ngu ase.
15Wɔn a wodi me ho fɛw no, ma wɔn koma ntu wɔ wɔn nkogu ho.
16Ma wɔn a wɔba wo nkyɛn no ani nnye na wonni ahurusi.
Ma wɔn a wɔda wo nkwagye no so ase no nka daa se, “Awurade yɛ ɔkɛse!”
17Mayɛ mmerɛw, na ahia me,
O Awurade, nanso wo werɛ mfi me.
Wone mʼagyenkwa ne me Nyankopɔn; yɛ ntɛm begye me!
Copyright information for TwiNAK